Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 266 of 316🏷️ Kristo Ba ne Soro Kurow(Second Coming & Heaven)
Yεn Kurow Kronkron Nni Wiase Ha
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Yεn kurow kronkron nni wiase ha
Asetena pa bi nso nni ha;
Ɔhaw ne amane nni hɔ,
Awerεhow bi nso nni hɔ;
Yεn kurow kronkron no wɔ
Faako a Kristo kɔ,
Resiesie amayεn
Nea ɔde hyεε yεn bɔ;
Anigye pii wɔ hε
Asetena pa bi retwεn yεn
2
Kurow kronkron no mu asetena
Na gyedifo nyinaa nsa bεka;
Yebehu yεn ho anim ne anim;
Yεrennkae asetena bɔne bio;
Asetena kronkron yi
Na gyedifo retwεn
Sε εbεyε wɔn dea,
Na yε atena Kristo nkyεn,
Wɔ n’ahenni mu hɔ,
Kurow kronkron mu bεyεε yεεn fε
3
Kurow kronkron no mu asetena
Na me nam ɔhaw me retwεn;
Kristo bɔhyε no yε nokware
Ma wɔn a wɔgye ne din di;
Ɛrennkyε ɔbεma
Gyedifo asomdwoe,
Nea εbεtena hɔ daa
Ama gyedifo nyinaa,
Na w’ahome afi
Wɔn brε mu wɔ kurow kronkron mu
4
Momma yεnkamfo yεn Gyefo
Na yεmfa yεn h onto no so;
Binom adikan ne nkyεn hɔ,
Faako a ɔde ahyε yεn bɔ;
Ahotewfo kronkron
Retwεn sε gyedifo
De wɔn nnwonto kronkron
Bepue kurow kronkron mu;
Na wɔde osebɔ
Ahuro ama Awurade
5
Yεbεsɔre sε yεmmprɔm da,
Na yεate soro torobεnto nne;
Yεbεte mpintin, nnawuta
Ne soro asafo nne dennen
Sε wɔde osebɔ
Rebehyia yεn akɔ
Yesu Kristo nkyεn
Akɔ home ’afebɔɔ;
Yεbεto nnwom daa sε
Alleluia wɔ soro hɔ
6
Wɔbεbobɔ yεn din afi
Gyedifo nkwa nnwoma no mu;
Yεbεte Yesu Kristo nne,
Na yεde anigye agye so;
Yεbεhyε ntade fitaa;
Ɛhoa sε sukyerεma
Yεbεhim yεn frankaa
Akyerε soro asafo,
Na yεato nnwom daa sε
Alleluia wɔ soro hɔ
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 266 (Yεn Kurow Kronkron Nni Wiase Ha) or copy the full lyrics.