Hymn 265 of 316

Yεn Kurow Kronkron No Mu Tena

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Yεn kurow kronkron no mu tena Ne nea yεn kra kɔn dɔ Hε na Kristo adi kan kɔ Resiesie ama yεn
2
Yenim sε dabi yεbεkɔ Kurow kronkron no mu bi, Akɔhu Kristo anuonyam Nea ano ntumi nka no
3
Yε gyedi sε Kristo bεba, Abεfa yεn akɔ ne nkyεn Akɔhome wɔ kurow no mu Anigye pii wɔ hɔ
4
Sε yεte ne nne dasum ’a Yεde anigye behyia no, Ne nkyεn ara na yεbεtena Ahyε n’anuonyam no
5
Yεn nokware kurow no nni ha Yεn kurow kronkron no wɔ soro Kristo de ahyε yεn bɔ nti Yεn ani da so daa
6
Kurow kronkron no mu tena de Anigyina bi nni hɔ bio Yεne yεn dɔfo bεdom Ato dwom kronkron daa
7
Sε yεhyia wɔ Kristo nkyεn a εbεpopa yεn nisu nyinaa Yεde anigye dwom behyia Yεn adɔfo wɔ hɔ
8
Anigye bε wɔ kurow no mu Ahotewfo anigye no Kronkron ne alleluia dwom Na wɔte wɔ hɔ daa

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 265 (Yεn Kurow Kronkron No Mu Tena) or copy the full lyrics.