Hymn 268 of 316

Yesu Nnebɔneyεfoo ’adamfo

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Yesu nnebɔneyεfoo ’adamfo Mene wo bεnantew; Sε wiase nyinaa gyaw me mpoa, Mene wo bεnantew; O Yesu to me gyedi mu Na me ne wo nnantew
2
M’ani me ho, me bɔne ho, Me ne wo bεnantew; Wo hwε sεnea me bɔne te a, Wo ne me rennantew; Nanso wog ye nnebɔneyεfo, Me ne wo bεnantew
3
Mmpam sε me nsan m’akyi Me ne wo bεnantew; Wo bεkɔ no, mεkɔ bi, Mene wo bεnantew; Wo tenabea bεyε me tenabea, Me ne wo bεnantew
4
Sε wo rekɔ w’ahenni mu a, Me ne wo bεnantew; Eyi nti na m’aba wo nkyεn Me ne wo bεnantew; Dabεn na wo bεkɔ, kae me, Me ne wo bεnantew;
5
Ɔretu kwan akɔ soro fie, So wo nim sε wo bεkɔ bi a, Ma yεne no nnantew; Ɔrennyaw yεn akyi ara da, Ɔne yεn bεnantew
6
Tie ahotewfo nnwonto no, Wɔ ne no nam rekɔ; Wo nso fa wo bɔne nyinaa bra, Na wone no mmεnantew; Sε wo bɔne te biara Ɔne wo bεnantew

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 268 (Yesu Nnebɔneyεfoo ’adamfo) or copy the full lyrics.