Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 269 of 316🏷️ Mpaebɔ ne Ahomte(Prayer & Supplication)
Onyankopɔn Yε Daa Agya
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Onyankopɔn yε daa agya,
W’awo yεn wɔ Kristo mu;
Ɔnam Kristo so asiesie
Kronkronbea wɔ soro retwen
Daa yεde honam foforo
Behyia wɔ n’ahengua anim
2
Onyankopɔn yε daa agya,
W’afrε ne nkorɔfo nyinaa;
Kristo so ɔnam refrε
Wɔn a wayε adwuma abrε,
Dabi ɔbεma wɔn tenabea
Wɔ n’ahenni kronkron no mu
3
Onyankopɔn ani bεgye
Wɔn a wadi nkunim ho,
Ɛde n’anuonyam kronnkron no
Bεkyerε wɔn a wadi nkonim;
Ɔbrε,ɔhaw ne amane
Nyinaa betwa mu akɔ koraa
4
Onyankopɔn ye daa tumfo
Obedi tamfo no so,
Ne nkoa nyinaa bedi nkonim,
Wɔ Kristo tumfo no din mu;
Na wɔn nyinaa ato dwom sε
Yesu Kristo adi nkonim
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 269 (Onyankopɔn Yε Daa Agya) or copy the full lyrics.