Hymn 270: Onyankopɔn Gye Me Fi Agyenkwa Mu

Hymn 270 of 316 in the TAC Twi Hymnal. Language: Twi (Akan).

Verses

Verse 1

Onyankopɔn gye me fi ahohia mu Teε w’abufu nsa gye me atamfo nsam; W’adɔeε wɔ hɔ nti bewie di mame; Wo nsa ano nnwuma no worennyaw Enti treneefo bεda wo ase daa

Verse 2

Onyankopɔn gye me fi ahohia mu Ma me nhu wo gye a εyε nwonwa Fa wo dade poma bra bεko gye me, Wo nsa ano nnwuma no wo rennyaw no hɔ, Enti treneefo bεda wo ase daa

Verse 3

Onyankopɔn gye me fi ahohia mu Ma mogyapεfo nyinaa mfi me so nkɔ; Menim sε wo bedi m’asεm ama me; Wo nsa ano nnwuma no wo rennyaw no hɔ Na me ne treneefo bεda wo ase daa

Verse 4

Onyankopɔn gye me fi ahohia mu M’ani da wo εnti nhwie me kra ngu, Wεn w’aso tie me sun na obi nni hɔ, Onyankopɔn yi me kra fi afiase, Enti treneefo bεda wo ase daa

Verse 5

Onyankopɔn gye me fi ahohia mu Efisε wo ne me nkwagye ahoɔden; Mma nea ɔbɔnefo pε no mma me so; Ma me daa awerεhow nnan anigye, Enti treneefo bεda wo ase daa

Verse 6

Onyankopɔn gye me fi ahohia mu Na menworo wo papayε bebree no nkae Mεto wo trenee ho ahurisi nnwom Sε Onyankopɔn ye ma nnipa nyinaa Enti treneefo bεda wo ase daa

Hymn 270 of 316

Hymn 270

Onyankopɔn Gye Me Fi Agyenkwa Mu

1
Onyankopɔn gye me fi ahohia mu Teε w’abufu nsa gye me atamfo nsam; W’adɔeε wɔ hɔ nti bewie di mame; Wo nsa ano nnwuma no worennyaw Enti treneefo bεda wo ase daa
2
Onyankopɔn gye me fi ahohia mu Ma me nhu wo gye a εyε nwonwa Fa wo dade poma bra bεko gye me, Wo nsa ano nnwuma no wo rennyaw no hɔ, Enti treneefo bεda wo ase daa
3
Onyankopɔn gye me fi ahohia mu Ma mogyapεfo nyinaa mfi me so nkɔ; Menim sε wo bedi m’asεm ama me; Wo nsa ano nnwuma no wo rennyaw no hɔ Na me ne treneefo bεda wo ase daa
4
Onyankopɔn gye me fi ahohia mu M’ani da wo εnti nhwie me kra ngu, Wεn w’aso tie me sun na obi nni hɔ, Onyankopɔn yi me kra fi afiase, Enti treneefo bεda wo ase daa
5
Onyankopɔn gye me fi ahohia mu Efisε wo ne me nkwagye ahoɔden; Mma nea ɔbɔnefo pε no mma me so; Ma me daa awerεhow nnan anigye, Enti treneefo bεda wo ase daa
6