Hymn 271 of 316

Onyankopɔn Tew W’anim Kyerε Me

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Onyankopɔn tew w’anim kyerε me Na ma me asomdwoe Ma wo nhyira no mmra me so Na mεbɔ wo din daa; Wo yε Onyankopɔn domfo enti me hyira wo
2
Me werε remmfi w’adɔeε Nea Israel hui no; Wo tumi a adi wɔn kan Kyerε wɔn kwan pa no, Wo yε tete Onyankopɔn, W’ayεyi rennsa da
3
Mede me ho mεto’Wo so Na manya wo nhyira; Mede wo mεyε me botan, Na w’adom agye me; Onyankopɔn wo nsakra da; Bεgye daa aseda
4
Onipa mmfa ani nhu wo Nanso wo bεn no daa; Wo kasa ma yεte wo nne Enti yεn anigye Wo ne yεn wɔ hɔ kosi daa;
5
Tweaduampɔn, yε hyira wo Awerεkyekye Nyankopɔn, Teasefo Nyankopɔn Awerεhowfo Nyankopɔn, Hyε wo ho anuonyan, Mogya adansefo gyefo Yεkoto sɔre wo
6
Kronkron ne wo Awurade εsorosoro Nyankopɔn Ateasefo twa ma wo sε Kronkron ne Awurade; Dεn na memfa mma wo Awurade Mεkamfo wo din daa

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 271 (Onyankopɔn Tew W’anim Kyerε Me) or copy the full lyrics.