Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 233 of 316🏷️ Gyidie ne Ahotoso(Faith & Assurance)
M’awurade Ne Agyenkwa
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
M’Awurade ne Agyenkwa,
Wo nkyεn na honam nyinaa ba
Ma honhom kronkron pa no
Mmε kyerεkyerε yεn nokware no;
O Agyenkwa kyerεkyerεfo,
Wo nkyεn na honam nyinaa ba
2
Wiase Agyenkwa ne wo
Onyankopɔn ba kronkron;
Honam nyinaa hwε wo kwan,
Wo nkwagye hia nnipa nyinaa
O Agyenkwa nokwarefo
Wo nkyεn na honam nyinaa ba
3
Wone wiase hann no,
Bra bεhyerεn koma mu,
Wo na wo fi soro bae no
Bεkyerεkyerε kwan ne nkwa
Wone nokware kwan ne nkwa
Wo nkyεn na honam nyinaa ba
4
M’ate wo frε kronkron no
Enti m’aba wo nkyεn dɔfo pa;
O sεnea mete biara,
Ɛmmpo me, Agyenkwa pa;
Anidaso koro Kristo
Wo nkyεn na honam nyinaa ba
5
Kyerεkyerε me nea wopε,
Na wone me Awurade;
Wusɔre ne nkwa ne wo,
Dawid abusua mu gyata
Wo a wonom bɔnwoma
Wo nkyεn na honam nyinaa ba
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 233 (M’awurade Ne Agyenkwa) or copy the full lyrics.