Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 232 of 316🏷️ Gyidie ne Ahotoso(Faith & Assurance)
M’anida Wo So Kristo
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
M’anida wo so Kristo,
Na dabi m’ate won ne
Enti me pε sε miwu
Da asεndua no ase
2
Me mmarato nyinaa wonim,
Efisε wɔwoo me bɔne mu;
Minim sε wo yε Oguammaa
Abεsoa bɔne nyinaa
3
Wiase hwεfo agyaw me
Wakyerε me m’akyi kwan;
Na wo de worennyaw me,
Efisε wo dɔ nte saa
4
Me mmere resa wɔ wiase
Na wo nkyεn hɔ de afebɔɔ;
Enti Kristo Agyenkwa
Popa me bɔnɔ nyinaa
5
Sε me kɔ kommyε mu a,
Na sε sum hyε kabii a,
Kristo ma me nhu sε
Wogyina hɔ reto me nsa
6
Nnyi wo honhom mfi me so,
Efisε wo remmfa me mma
Nea ɔpε me bɔne np
Na ɔnsεe no sεnea ɔpε
7
Mayε krado retwεn wo
Efisε worennyaw me,
Ma me honhom mu ntaban,
Na mede ahyia’w wɔ wim
Meda wo ase Kristo,
Sε wofrε me a megye so,
Na me ne wo abεtena
W’ahenni mu afebɔɔ
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 232 (M’anida Wo So Kristo) or copy the full lyrics.