Hymn 231 of 316

Sε Yehowa Adom Bere Duru A

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Sε Yehowa adom bere duru a Ɔbεhwehwε ne nguan kuw nyinaa Na w’aboa wɔn ano wɔ ne nkyεn Ɛhɔ na wɔn nyinaa bεhome komm
2
Wɔn a wɔtwεn Yehowa no de Oguanhwεfo no bεhwε wɔn so; Wɔbεkotow ahwε n’anuonyam, Na wɔn nyinaa ahome komm
3
Hwε Yehowa de tumi reba, Abεhwehwε ne nguankuw no nyinaa Nguan mmatan no ɔbεka wɔn brεw Na wama wɔahome wɔ ne nkyεn komm
4
Sε Yehowa adom bere du a εbrε nnwuma nyinaa to betwa, Yεn nyinaa behu Awurade, Na wama wɔahome wɔ ne nkyεn koom
5
Yehowa bεma yεahu da bi Sε ne nkyεn hɔ na home pa wɔ, Ɔrennkae yεn mmarato pii no bio, Enti ɔbεma yεahome komm
6
Sε Yehowa adom bere du Yεn berε ne yaw nyinaa to betwa Kurow kronkron no mu na yεbεtena, Na yεahome afi yεn berε mu
7
Sε Yehowa adom bere du a Obeyi ne tumi no ad, Apem ne ɔpedu bεtotɔ, Na nhyira mma no ahome komm

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 231 (Sε Yehowa Adom Bere Duru A) or copy the full lyrics.