Hymn 217 of 316

Mehu Yesu Agyenkwa No

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Mehu Yesu Agyenkwa no, Manya ahofadi; Me bɔne no wɔnkae koraa, Ɔde ne nyinaa akyε me, Mo nka nkyerε aman nyinaa Sε yεahu Kristo Agyenkwa
2
Mebaa Yesu Kristo nkyεn no Wakyekye me werε; M’adesoa no afi atɔ Ama made me ho; Mo mmra ne nkyεn mo a mo abrε Na mo benya home ama m okra
3
So anyame tumi gye nkwa? Dabi, gye sε Kristo; Ɔde ne ho bɔɔ afɔre, Maa wiase nyinaa; Agyenkwa dɔfo gyefo no Ne yεn Awurade Yesu Kristo
4
Ma w’ani mmra w oho so nnε Na owu da hɔ ma wo; Wo wɔ nkonta bi bu dabi Wɔ Yesu Kristo anim; Sakra w’adwene ɔdasani, Na bra Yesu Kristo hɔ nnε

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 217 (Mehu Yesu Agyenkwa No) or copy the full lyrics.