Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 227 of 316🏷️ Asɛmpa ne Nkwagye Frɛ(Gospel & Salvation)
Onyankopɔn Bema M’ahu
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Onyankopɔn bema m’ahu
Sεnea osi dɔ me;
Eye me se ne werɔ afi
Sε n’ani wɔ me so daa;
Medɔ no senea ɔdɔ me
Na w’ahwe me so daa
2
Me gye me kra dɔfo no di
Sε ne werε remfi me;
Efisε wahyε me bɔ nti
Mete ne dɔ nka daa;
Ɔdɔ nti da bi ɔbɔma
Ma koma atε me yam.
3
Me honam nipadua te yaw,
Ɔbrε ne amane
Yesu Kristo bɔhyε no nti
Me wɔ anigye pii
Efisε da bi ɔbεma
Me koma atε me yam
4
Me hwε nnipa nyinaa mu a
Ne nko na ɔdɔ me;
Ɔno no me kra dɔfo a
Ɔte me kra yaw nka;
Wahyε me bε ɔbεma
Me koma atɔ me yam
5
Ɔhe na me dɔfo no kɔ?
Ɛhe na mehu no?
Sεnea ne bɔhyε te;
Me dɔfo no aka me ntam
Enti ɔrennyaw me
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 227 (Onyankopɔn Bema M’ahu) or copy the full lyrics.