Hymn 226 of 316

Nyame Aguammaa, M’aba Wo Nkyεn

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Nyame aguammaa, m’aba wo nkyεn W’adom nti na m’aba wo nkyεn, Sεnea mete baira m’ba, Nyame Aguammaa, m’aba m’aba
2
Nyame aguammaa, m’aba wo nkyεn Debɔneyεni, m’aba wo nkyεn, Bɔne mu na wonyinsεn me, Nyame aguammaa, m’aba m’aba
3
Nyame aguammaa, m’aba wo nkyεn Mabɔ mmusu nanaso m’aba Wo na wogye nnebɔneyεfo, Nyame aguammaa, m’aba wo nkyεn
4
Nyame aguammaa, m’aba wo nkyεn Wone me gyefo nti m’aba Agyenkwa pa m’aba wo nkyεn, Nyame aguammaa, m’aba wo nkyεn
5
Nyame aguammaa, m’aba wo nkyεn Mede me bɔne nyinaa m’aba , Wo na wode mogya gye nkwa Nyame aguammaa, m’aba wo nkyεn
6
Nyame aguammaa, m’aba wo nkyεn Mayera me kra nkwagye kwan Wone me kra kwankyerε nti, Nyame aguammaa, m’aba wo nkyεn
7
Nyame aguammaa, m’aba wo nkyεn Mefi bɔne mu na m’aba Ma wo mogya no nguare me Nyame aguammaa, m’aba wo nkyεn
8
Nyame aguammaa, m’aba wo nkyεn Mani da wo so nti m’aba, Mede mme koma ma’gye wade Nyame aguammaa, m’aba wo nkyεn

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 226 (Nyame Aguammaa, M’aba Wo Nkyεn) or copy the full lyrics.