Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 225 of 316🏷️ Komunio ne Mogya(Communion & The Blood)
Mogya Adansefo Yi
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Mogya adansefo yi
Wuu Kristo asεmpa no nti
Wɔn mogya teεm frε Awurade
Na abɔfo hyia wɔn kwan
2
Wɔde wɔn kra too hɔ maa
Yesu Kristo asεmpa no,
Wɔn nnwuma bedi wɔn akyi,
Wɔbεhome afi wɔn brε no mu
3
Honam, me ma wo due,
Ɔkra, ma w’ani nnye daa,
Tena Awurade Kristo nkyεn
Na home fi wo berε no mu
4
Metee nne bi sε kyerεw,
Nhyira ne awufo a
Wo wu Awurade mu nyinaa,
Wɔbεhome wɔ Kristo mu
5
Da bi yεne wɔn behyia
Sε Kristo yi ne ho adi a
Saa na yεne Awurade bεtena
Na yεahome wɔ ne mu daa
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 225 (Mogya Adansefo Yi) or copy the full lyrics.