Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 300 of 316🏷️ Gyidie ne Ahotoso(Faith & Assurance)
Ade Biara Onyankopɔn Pε
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Ade biara Onyankopɔn pε
Na εbεtena hɔ daa
Wɔrennka ho bi, wɔrennyi bi,
Enti εsε sε wo suro no;
Ne nnwuma nyinaa te sε nea εte;
Ne trenee mu na w’ahyehyε
Ade nyinaa betwam n’anim ɔhare
Na ɔde atεmmu aba wiase
2
Wiase nneεma yε onipa fε,
Nanso εrennkyε koraa;
Nneεma nyinaa awie bere adu,
εwɔ hɔ a Awurade ahyε,
Bere bi wɔ hɔ a Awurade ahyε,
Ne trenee mi na Awurade ahyε;
Saa da no na wiase betwam akɔ,
Na Yehowa treneeyε bεtena hɔ
3
Nneεma a anigye hop ii nyinaa
Remma koma mu bio;
Onipa rennyε n’apεde bio,
Awurade pε na ɔbεyε;
Bere wɔ hɔ a Awurade ahyε,
Ne trenee mu na w’ahyε,
Saa da no na abɔde mu tumfo no,
Bεma ne tumi kεse ada adi
4
Nnipa ahyehyεde nyinaa bεprɔw,
εrennkyε mfaso bio
Nnipa rennkyekye wɔn ho werε,
Efisε ne mmoa rennhia;
Enti onipa mmεnhaw w oho koraa,
Na abɔde nyinaa renntena hɔ;
Fa wo werε hyε Onyankopɔn mu daa,
Na wani bεgye ne trenneyε mu daa
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 300 (Ade Biara Onyankopɔn Pε) or copy the full lyrics.