Hymn 301 of 316

Yε Ma Wo Nantew Yiye

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Yε ma wo nantew yiye Nyame mfa wo nkodu dwodwo Yehowa nni wok an Na ɔmfa wo nkoku fie dwodwo
2
Honhom kronkron no ara Nyε wo nan ase kanea, Yehowa nni wok an, Na ɔmfa wo nkodu dwodwo
3
Nkonimdi bi wɔ hɔ, Ma wo akoa pa nokwarefo Anigye nnwom wɔ hɔ Wo ne nkonimdi bεto
4
Nkonimdi anuonyam bi Retwεn wo wɔ Kristo nkyεn hɔ Nkonimdi abɔtire bi Retwεn wo wɔ Kristo nkyεn hɔ
5
Akoa pa nokwarefo Sε yεne wo hyia wɔ soro Na yεn nyinaa bom tena a Anigye na da no bεyε

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 301 (Yε Ma Wo Nantew Yiye) or copy the full lyrics.