Hymn 263 of 316

Na Metee Nne Bi Kεse Ɔsoro Sε

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Na metee nne bi kεse ɔsoro sε; Nkwagye, tumi, ahenni ne’ahoɔden Ayε yεn Nyankopɔn ne oguammaa no de Na Honhom no se yiw; Wɔn a w’annɔ wɔn kra kosi wum no Bεhome afi wɔn brε no mu
2
Na metee nne bi afɔre muka mu sε; Awurade Nyankopɔn ne tumfo, W’atemmu yε nokware ne trenee Na honhom no sε yiw; Wɔn a wɔbebu wɔn atεn tenenee no Bεhome afi wɔn brε no mu
3
Na metee nne bi fi soro se me sε kyerεw; Sε nhyira ne awufu a Wowu Awurade mu fi mprenpren rekɔ yi Na Honhom no se, yiw; Wɔbεhome afi wɔn brε no mu Na wɔn nnwuma adi wɔn akyi

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 263 (Na Metee Nne Bi Kεse Ɔsoro Sε) or copy the full lyrics.