Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 255 of 316🏷️ Gyidie ne Ahotoso(Faith & Assurance)
Yehowa Nko Ne Yεn Nkwagye
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Yehowa nko ne yεn nkwagye,
Ne terenee mu na yεadi bem;
Enti asaman nyε yεnhu
Efi sε ne basa gye yεn
2
Ɔdasani nkwa nna yε tia
Ɛtesε nhwiren fεfε bi
Sε mframa bɔ fa no so a
Na ne sibea nnim no bio
3
Onipa guan tesε nhwiren
Ɔpε sεnea ahaban po,
N’anuonyam fεfε no wɔ he?
Ɔde ne nyinaa kɔ kommyε mu
4
Yerentumi nkasa ntia
Yehowa wɔ n’abufu mu
Sε w’ama owu ne yεn te
Efisε nea ɔpε na ɔyε
5
M’ayε komm wɔ owu mpa so
M’ahome wɔ Yehowa mu
Ɔde me nkwa ne Kristo de
Asie ama wɔsure da no
6
Meyε hɔho ne mamfrani
Wonnye me ntom wɔ ha bio
M’ani agyina me kurom’ yi,
Kristo nkyεn ara na mεkɔ
7
Ma monnsu me bio adɔfo
Menim nea m’agye no adi
Kristo wusɔre ne nkwa no
N’asεm mu tumi te saa daa
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 255 (Yehowa Nko Ne Yεn Nkwagye) or copy the full lyrics.