Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 256 of 316🏷️ Asɛmpa ne Nkwagye Frɛ(Gospel & Salvation)
Kristo Asεmpa Ne Me Kyεn
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Kristo asεmpa ne me kyεn
Akodi mu na ɔboa me,
Mereyε m’adwuma ntεm
Na m’afi ha akɔhome,
Anuonyam bi wɔ hɔ a mεhwε
Enti merentena ha me nkyε
2
Nnepa bi nni wiase ha
Anigye nni asase yi so,
Asetra pa bi nni ha,
Wiase akodi nso dɔɔso,
Awerεhow wɔ asase yi so.
Enti me rentena ha menkyε
3
Ɔhaw pii yi ase ne den?
Awerεhow hyε me so daa;
Dadwen pii yi ase ne dεn?
Wiase asetena afono me kra,
Menim sε m’awerεkyekye bεkyε,
Enti me rentena ha menkyε
4
Me kra kɔn dɔ sε ɔbεkɔ
Akɔ home wɔ Kristo nkyεn;
Me kra kɔn dɔ sε ɔbεkɔ
Ɔsoro kurow kronkron no mu;
Ɛhɔ na Kristo de ahyε me bɔ
Enti me rentena ha menkyε
5
Sε me hu Kristo anim a
Me werε befi dadwene nyinaa,
Enti m’ani gyina hɔ daa
Rehwε no frε kronkron no kwan;
Yesu Kristo reto me nsa,
Enti me rentena ha menkyε
6
Yesu Kristo ne me tenenee,
Ne bɔhyε so na m’ani da,
Obeyi me haw ne dadwene
Na me honam mu brε to atwa
Ɔdɔ me, me me nso menim ne din,
Enti me rentena ha menkyε
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 256 (Kristo Asεmpa Ne Me Kyεn) or copy the full lyrics.