Hymn 253 of 316

Wiase Awiei No Rebεn

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Wiase awiei no rebεn Kristo atεmmu rebεn Yεte torobεnto nne a Egyigye dennen Refrε awufo nyinaa Sε wɔ mmebu wɔn nkotaa
2
Wiase mmusuakua nyinaa Dε wɔn nne bεtom asu; Sε wɔpow agyenkwa no a, Hena na obegye wɔn? Sɔre na hwehwε Awurade Ansa nna bɔne aba
3
Owu da hɔ ma nnipa, Atεmmu so retwεn yεn, Onipa bebu nnwuma a Ɔyε nyinaa ho akontaa, Di nokware ma Awurade, Na obegye wo da no
4
Hmmm, atεmmu da n’yε hu Hmmm, Yehowa nsam hwe yε hu Hena na obetumi egyina N’abufuw kεse n’anim? Ma w’ani mmra w oho so, Ansa nna bɔne aba
5
M’akwan nnyε fε wɔ w’anim, Nanso wo ne m’Awurade Sε wo nsεm ba me hɔ a Menntumi mmfa nsie koma mu O,Agyenkwa kae me ε Sε meyε onipa ba

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 253 (Wiase Awiei No Rebεn) or copy the full lyrics.