Hymn 252 of 316

Tutu W’anamɔn Wɔ

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Tutu w’anamɔn wɔ Kristo asεmpa no mu, Na ɔbεkyerε wo kwan pa a Wode bεkɔ soro
2
εkwan heahea no ne Kristo asεmpa no Sε wo mia w’ani nantew mu a Wo bεkɔ soro hɔ
3
Nantew asεmpa mu Nnhwehwε akyiri-san Nantew sεnea asεmpa no se Na wo bεkɔ soro
4
Asεmpa no yε nkwa Nantew mu koduru awiei Wɔn a wɔnantew mu wie no Bεyε ahenni no mu mma
5
Me rekɔ, me nam mu, Me rennsan m’akyi da, Mεnantew asεmpa no mu Akoduru soro hɔ

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 252 (Tutu W’anamɔn Wɔ) or copy the full lyrics.