Hymn 307 of 316

Sε Yesu Kristo Teεm Dennen A

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Sε Yesu Kristo teεm dennen a Asase bεwoso kεse Ne nne no tumi no bεma Sum kabii ahyε asase so; Nnebɔneyεfo bεhwehwε nkwagye Nanso wɔrenntumi nguan mfi mu; Onyankopɔn abufu no nti Nnebɔneyεfo bεyera wɔn kra
2
Totorobεnto nne bεgyigye, Abɔde nyinaa bεyε komm; Wɔn a w’adeda nyinaa bεte Agyenkwa Yesu Kristo nne; Ɛpo bεyi n’awufu ama, Mogya adansefo bεte Kristo nne refrε sε, mommra; Damoa renntumi nkora wɔn so
3
Wɔbεbobɔw soro yi sε mpa, Wɔbεnane asase sε nku, Sε nneεma nyina bεyε foforo; Wɔn a wapo Yesu Kristo nyinaa Bεyera afi asase so; Yεde ahurisi bεto nnwom a Abɔfo renntumi nto bi da
4
Monna yεnyε yε nkwagye ho adwuma Na akatua pa wɔ hε ma yεn; Yεn berε nwuma yi rennyε kwa, Yεbεhyε ne ho ahenkyεw Ɛrennkyε Yesu Kristo bεba, Abεhwε nnwuma a w’ayε; Sε yedu ne nkyεn wɔ soro hɔ a Ɛbεbobɔ yεn din akyerε
5
Gyedifo bεhyε ntade fitaa Ne wɔn nkonimdi ho abɔtire; Wɔn nyinaa bεhyerεn sε nsoroma; Wɔn ahoɔfε no bεyε dεn? Wɔn nyinaa behyia wε mpoano hɔ, Na wɔde nnwom ato santen Akohyia wɔn a w’adi kan hɔ Yesu Kristo nkyεn rehome 🎵 TAC TWI HYMNAL

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 307 (Sε Yesu Kristo Teεm Dennen A) or copy the full lyrics.