Hymn 308 of 316

Yehowa Da Kεse Reba

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Yehowa da kεse reba Gyedifo momma yεn nyε komm; Sε torobεnto nne gyigye a Wεn a w’adeda’bεsɔre, Na yε ne soro asafo’ De anigye ne aseda Ama nea ɔtease daa no
2
Yehowa da kεse reba Tumi abran nyinaa bεyε komm, Sε Awurade nne gyigye a Soro ne asase bεwoso, Enti momma yεnyε adwuma Ntwεn yεn homeda kεse no, εrennkyε yεn ani begye
3
Yehowa da kεse reba Nkɔmɔdi ne anigye da; Ɔbεtena n’atεmmu agua sp Akasa tumi mu prεko; Wɔn a w’ahoro wɔn ntade fitaa Bεhyerεn da no sε nsoroma, Na w’atena anigye mu daa
4
Yehowa da kεse reba Wɔn a w’aberε rennte nka bio; Efisε ɔbrε nnwuma nyinaa Betwa’makɔ, wɔrennkae bio; Ɔteasefo no bεkasa Na agyedifo koma atɔ wɔn yam, Na w’ato nnwom ahyira no daa
5
Yehowa da kεse reba Yεbεhome afi yεn berε mu; Ɔtamfo rennyi yεn hu bio Efisε wɔbεsεe no koraa; Anigye ne aseda nnwom Na yεde bεtena ase daa; Yεn awerhow to betwa
6
Anigye da kεse reba Yebehu yεn ho anim ne anim Gyedifo nyinaa bεtom atena Anigye na da no bεyε Kristo nkyεn hɔ bεyε yεn de; Alleluia, alleluia Bεyε yεn nkonimdi nnwom daa

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 308 (Yehowa Da Kεse Reba) or copy the full lyrics.