Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 309 of 316🏷️ Kristo Ba ne Soro Kurow(Second Coming & Heaven)
Yεn Nyankopɔn No Bεkasa,
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Yεn Nyankopɔn no bεkasa,
Wɔ nna a εyε hu no mu;
Otumi ade nyinaa yε,
Ɔgyefo biara ntesε ɔno,
N’adwene mu dɔ, ne nyansa so,
Oye na n’adom wɔ hε daa
2
Yεn Nyankopɔn no bεkasa,
Akyerε wiase tumfo no;
Ne ho bεpopo wɔ n’anim
Wɔ n’abufu kεse no nti;
Anigye dwom na yεbεto,na yεatena
Ne nkyεn hɔ daa
3
Yεn Nyankopɔn no bεkasa,
Na w’amene owu afebɔɔ;
Ɔbεpopa nisu nyinaa,
Na w’ayi ne man ahohora,
Osukɔm renne yεn bio,
Yεbεto anigye dwom daa
4
Yεn Nyankopɔn bεto yεn pon,
Na ɔne yεn ato nsa adidi,
Yεbehu Nyankopɔn anim,
Nea yεn ani da so no,
Momma yεnni ahurusi,
Efisε yεbehu ne nkwagye
5
Sε ɔda ne ho adi a,
Yede ayεyi dwom behyia no;
Ɔbεto nsa afrε yεn sε
Mommra me nkyεn, me nhyira mo;
Alleluia, alleluia,
Na yεde behyia Awurade
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 309 (Yεn Nyankopɔn No Bεkasa,) or copy the full lyrics.