Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 303 of 316🏷️ Ayie ne Nsie (Nantew Yiye)(Funeral & Consolation)
Ɛdasani Awiei Rebεn
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Ɔdasani awiei rebεn
N’ahoɔden bεbrε ’ase
Ɔrennkɔ ne dwumadi so
Mfa nhoahoa no ho bio;
Wɔbεgye ne nkwa afi ne nsam
Na ne nyansa wɔ he?
2
Yare bεbɔ ɔhoɔdenfo
Na w’abrε no ase
Ne werε befi ne nyansa
Nea εkyerε no waise kwan,
Na ne nyansa wɔ he?
3
Asaman rehwε onipaa kwan,
Na w’ayε no atuu,
Nsamoa bεkasa akyerε no
Na ɔremmue n’ano,
Ɔbεdan dɔte ne mfutuma,
Na ne nyansa wɔ he?
Adekyee mu dwumadi titiri
4
Yε ahuhude nko,
Ɛyε ɔbrε ne amane,
Nnipa brε ma nea εporɔw,
Sε ɔde nea εporɔw yi ti hɔ a
Na ne nyansa wɔ he?
5
Onipa rennhu owia hann
Ɔrennte mframa nka,
Ani renngyina no bio
Efisε wafi wiase;
Asaman hɔ sum mpo bεpa no
Na ne nyansa wɔ he?
6
Awurade to me gyedi mu
Na me kra dɔ wo,
Ma wanimtew no mmra me so
Na fa w’asεm kyerε me kwan,
Sε me wiase asetena to twa a
Wo nkyεn ara Nyame
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 303 (Ɛdasani Awiei Rebεn) or copy the full lyrics.
🏷️
Browse Category (9) →