Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 41 of 316🏷️ Ayeyi ne Ntrontrom(Praise & Adoration)
Ɔdomankoma Agya Nyame
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Ɔdomankoma Agya Nyame
Abɔde nyina hyε w'ase
Asase yε won nan ntia so
Anuonyam nka Yehowa daa.
2
Ɔsoro ne asase wura
Kristofo nyina nyi wo ayε
Ahotewfo nso bom ka se
Anuonyam nka wo Yehowa daa
3
Kronkron ne wo Awurade,
Wo ne Otumfo Nyankopon
Wiase aman da w'ase
Anuonyam nka wo Yehowa daa.
4
Honhom Kronkron bεhyε yεn ma
Fa soro tumi bεboa yεn
Bεhyε yεn dεn na yεnka sε
Anuoyam nka wo Yehowa daa.
5
Abɔde nyina Nyankopɔn
Ma wo nsam nhyira nsu no ntɔ
Na gyedifo mmom nto dwom sε
Anuonyam nka wo Yehowa daa
6
Kronkron ne wo Awurade
Abɔde nyina mu Kεse
Kasa ma wasafo nka sε
Anuonyam nka wo Yehowa daa
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 41 (Ɔdomankoma Agya Nyame) or copy the full lyrics.