Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 40 of 316🏷️ Ayeyi ne Ntrontrom(Praise & Adoration)
Nhyira Ne Israel Nyankopɔn Daa
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Nhyira ne Israel Nyankopɔn daa
Nea ɔbɔɔ ɔsoro ne asase no
W’ama no din so wɔ asase no
Enti soro ne asase nhyira no
2
Momma yεmfa aseda mma no daa
Ɔno ne yεn boafo wɔ wiase ha
Ɔde ne basa kronkron agye yεn
Enti ma abɔde nyinaa nhyira no
3
Momma yεn werε mmfi ne nneyεe pa
N’adom a agye yεn afi bɔne mu
Wadi ne bεhyε so ama yεn nti
Momma yεnto ayεyi nnwom nhyira no
4
Ɔsoro ne asase Nyankopɔn
Yεbεto nnwom ayi wo din ayε daa
Ama yεn ani agye wɔ wo fi
Enti yεbεma wo din kronkron no so
5
Onyankopɔn ama nnebɔneyεfo
Abɔ wo din anya nkwa a enni awiei
Wo din no so sen anyame nyinaa
Enti yεbεto nnwom sε wowɔ hɔ daa
6
Tumi abran nyinaa nsuro ne din
Ɔde tumi bεkasa sε Otumfo
Abɔde nyinaa bεyε komm da no
Na ahotewfo ato nnwom ahyira no
7
Momma yεnfa aseda mma no daa
Efisε ɔde yεn ahinta ne mu
Da bi yεbehu ne nkwagye basa
Nea wama so akyerε Israel no
8
Otumfo Nyankopɔn yεn agya pa
Wo nkwagye bas anti na yεti ase,
Yεbεbɔ wo din wɔ wo kronkronbea
Na yεato aseda nnwom ahyira wo
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 40 (Nhyira Ne Israel Nyankopɔn Daa) or copy the full lyrics.