Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 67 of 316🏷️ Ayeyi ne Ntrontrom(Praise & Adoration)
Onyankopɔn Na Tumi Wɔ No
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Onyankopɔn na tumi wɔ no
Atumfo nyinaa hyε n’ase
Ne kasa yε tumi kεse
Abɔde kyerε ne tumi
Ade nyinaa so tumfo no
Ne nkutoo na tumi wɔ no
2
Atumfo a wɔwɔ waise nyinaa
Hyε Nyankopɔn tumi ase
Soro ne asase tumi
Hyε Onyankopɔn tumi ase
Ne tumi yε tumi ampa
Ne nkutoo na tumi wɔ no
3
Onyankopɔn ma εpo ne mframa
Hu sεnea ne tumi no te
Mmepew so srɔnsrɔn no nimn
Sεnea ne tumi kεse te;
Owia ne ɔsram kyerε ne tumi
Ne nkutoo na tumi wɔ no
4
Onyankopɔn tumi kεse nti
Mframa yε ne teaseεnam;
Owia ne ɔsram de wɔn
Hyerεm
Ma ninpa hu ne tumi no;
N’kwa yε tumi akwan nkutoo,
Ne nkutoo na tumi wɔ no
5
Onyankopɔn de wusɔre no
Akyerε ne tumi kεse;
Nnipa ahu ne tumi no
Nea εbεsakra wɔn da bi
Tumi no ne yεn anidaso,
Ne nkutoo na tumi wɔ no
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 67 (Onyankopɔn Na Tumi Wɔ No) or copy the full lyrics.