Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 68 of 316🏷️ Ayeyi ne Ntrontrom(Praise & Adoration)
Onyankopɔn Yε Otumfo
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Onyankopɔn yε Otumfo
Abɔde nyinaa hyε w’ase
Obi rennhim nkyerε w’iase
Wɔ soro ne asase so
2
Mεkamfo wo kronkronyε daa
Na m’ato wo tumi ho nnwom
Dw ahyε wo anuonyam daa
Wo a wowɔ hɔ nnε ne daa
3
Odomankoma Nyankopɔn nkutoo
Wo nkutoo ne mfiase ne awiei
Wo ara ne wo ara Nyankopɔn
Tete beme Onyankopɔn
4
Yεde ayεyi dwom bema
Nea ɔyε gyedifo botan
Mommɔ ne din kronkron so daa
Na yebenya ne nsam nhyira
5
Wo basa yε tumi basa
Nnebɔneyεfo gyefo ne wo
W’ama wo nkwagye basa so
Regye wɔn a wɔayera no
6
W’ama nnebɔnyεfo ahu
Wo nkwagye a εsom bo nti
Yebehyira wo din kronkron
Akamfo wo nkunimdi
7
Sum mu atumfo nyinaa ahu
Wo tumi a εgye nkwa
Aseda bεn na yεmfa mma
Wo a wone yεn nkwagye
8
Osoro asafo nto nnwom
Mma ɔdomankoma Nyankopɔn
Ne mu na yεanya ahotɔ
N’adom a enni ewiei no
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 68 (Onyankopɔn Yε Otumfo) or copy the full lyrics.