Hymn 71 of 316

Yehowa, Wo Yε Kεse

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Yehowa, wo yε kεse Wo tumidi mu nni hwehwεbea Wo mmɔbrɔhunu ne fafiri wɔ wo Enti na yεsɔre wodaa
2
Yehowa, wo yε kεse Wo nkwagye mu nni hwehwεbea Nea woka ne nea woyε nyinaa yε hɔ Enti na yεsɔre wodaa
3
Yehowa, wo yε kεse Israel nyinaa too wo mmara Nanso w’adom basa kyerε wɔn kwan Enti na yεsɔre wodaa
4
Yehowa, wo yε kεse W’ahyε wo bɔhyε apam mu den De agye Israel afi Misraim Enti na yεsɔre wodaa
5
Yehowa, wo yε kεse Wo dɔ mu dɔ no wɔ hɔ daa W’ayi bɔne ani afi yεn so Enti na yεsɔre wodaa
6
Yehowa, wo yε kεse Wo tumi nkwagye no mu dɔ W’abrε yεn atamfo nyinaa ase Enti na yεsɔre wodaa
7
Yehowa, wo yε kεse Yεremmfa w’anuonyam mma obi Ɔsoro ne asase ahu wo Enti na yεyi wo ayε

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 71 (Yehowa, Wo Yε Kεse) or copy the full lyrics.