Hymn 76: Minim Sε Me Dimafo No Te Ase
Hymn 76 of 316 in the TAC Twi Hymnal. Language: Twi (Akan).
Verses
Verse 1
Minim sε me dimafo no te ase Enti futuma mu kyikafo bεsɔre; Mede mani mehu me Nyankopɔn Na mahome wɔ ne nkyεn afebɔɔ
Verse 2
Minim sε me dimafo no te ase, Nanso meresan akɔ dɔte mu nnε; Sε mete n’awufu frε kronkron a N’adom nti mεsɔre sε me mprɔw da
Verse 3
Minim sε me dimafo no te ase, Nanso owu amena ayε me fi; Minim nea magye no adi nti mensuro, Efisε ɔbεsakra me nipadua yi
Verse 4
Minim sε me dimafo no te ase, Enti mepene me dɔte mu kɔ nnε; Monkyekye mo werε na mete ase Efisε mete owusɔre no nka
Verse 5
Minim sε me dimafo no te ase, Mayε komm, nanso me kra no te ase; Nea wahyε me bɔ yε ɔnokware fo, Enti mεtwεm kosi sε ɔbεfrε me.