Hymn 75 of 316

Megyina Onyankopɔn

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Megyina Onyankopɔn Ne botan kronkron no so, Na me nsa aka nnepa Afi nkwagye botan mu, Na m’atwerε ne tumi no; Sε mehu n’anuonyam no a Anka mεto ho dwom daa
2
Megyina Onyankopɔn Ne botan kronkron no so, εno na ɔmpɔne nhwε, Enti mεtwerε no daa Na w’ama me kra home; W’ama me nkwagye asi pi, Mεhyε no anuonyam daa
3
Megyina Onyankopɔn Ne botan kronkron no so, Na n’adom nsu kronkron no Ahoro me bɔne pii no Na mafata ne frε no, W’ama me sεnea n’adom te Enti na mesɔre no
4
Megyina Onyankopɔn Ne botan kronkron no so, Meretwεn n’ahoyi no Da a ɔde ahotewfo Bεba ne home mu no, N’aεm so na me kra retwεn Enti mεbɔ ne din daa

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 75 (Megyina Onyankopɔn) or copy the full lyrics.