Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 74 of 316🏷️ Gyidie ne Ahotoso(Faith & Assurance)
Me Nkwa ’ahoɔden Ne Kristo
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Me nkwa ’ahoɔden ne Kristo
Ne tumi kora me so,
N’asεm mu tumi agye me,
Ɛ’ne me wiase kanea,
Ɛsoro kwan a menam so
Kristo yε m’Agyenkwa
2
Wɔmaa Kristo yεε mmerεw
Ama m’anya ahoɔden;
Wɔbrεε ɔhoɔden ase
Enti m’anya hoɔden ne mu,
Ɛsɔɔ owu hwεε maa me bɔne
Kristo yε m’Agyenkwa
3
Owu de ne basa duruduru
Too tumi wura no so
Owu ahoɔden hyεε no so
Enti na ɔyεε komm n’anim
εno na w’ankame no
Kristo yε m’Agyenkwa
4
W’apopa me bɔne prεko
Enti wɔrenkae no bio,
Oyii ne dɔ kεse adi
Kyerεε wɔ Kalvary bεpɔw so
N’asεndua so wu agye me,
Kristo yε m’Agyenkwa
5
W’ama masɔ n’adom ahwε
Ahu ne nkwagyeno;
Ɛno ne soro kwan tenenee’
Nea menam so rekɔ soro,
W’abue ɔdom pon ama ne,
Kristo yε m’Agyenkwa
6
Nea wɔde yεε no nyinaa
Ansakra ne tumi
Ne mmaa atapee gye mu mpo
Na ne dɔ te sεnea εte,
Ɛsɔ me nsam wɔ bɔne mu
Kristo yε m’Agyenkwa
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 74 (Me Nkwa ’ahoɔden Ne Kristo) or copy the full lyrics.