Hymn 73 of 316

Me Ne Kristo Bεnantew

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Me ne Kristo bεnantew Na w’akyerε me kwan pa no Nokware ne nkwa kwan pa Gyedifo nokware kwan pa no Kristo wo ne me nnantew Na m’amfi kwan pa no so
2
Me ne Kristo bεnantew Anɔpa, awia, anadwo, Ahokyerε nna mu nyinaa Me ne Kristo bεnantew εhaw ne amane mu Me ne Kristo bεnantew
3
Me ne Kristo bεnantew Na w’atutu m’anammɔn, Sε medi Kristo akyi a Nea ɔbεkɔ no mεkɔ hɔ, Me ne no bεnantew daa Na da bi manya anigye
4
Me ne Kristo bεnantew Na nnabɔne mu wagye me, Merennsuro bɔne bi Efisε ɔyε nkonimdi hene; Mensuro anadwo wibɔ Efisε Kristo ka me ho
5
Me ne Kristo bεnantew Na m’anya ne nsam nhyira Wɔn a wɔne no nantew Nya ahotɔ ma wɔn kra Sε Kristo yi ne ho adi a Me nso wɔbeyi me adi

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 73 (Me Ne Kristo Bεnantew) or copy the full lyrics.