Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 77 of 316🏷️ Gyidie ne Ahotoso(Faith & Assurance)
Onyankopɔn Ka Me Ho Nti
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Onyankopɔn ka me ho nti
Mede me ho ato no so;
Me brε ne haw nyinaa onim,
Mede me ho ato no so’
W’ahyεm’ bɔ nti orennyaw me,
Mede me ho ato no so;
Me nkɔmɔdi nyinaa onim
Mede ato no so
2
Onyankopɔn ka me ho nti
Mede me werε ahyε ne mu;
Ne bɔhyε yε nokware nti
Mede me werε ahyε ne mu;
εrennyam me akwantimfi,
Mede me werε ahyε ne mu
εmfa ne bɔhyε nkame nti
Me werε hyε ne mu
3
Onyankopɔn ka me no nti;
Mεka me nsεm akyerε no;
Onim nea eye ma me nti
Mεka me nsεm akyerε no;
W’ahyε me bɔ, ɔrennyaw me;
Onim m’akwantu mu nsεm nti,
εno ne ahyεse ne ewiei,
Mεka ahyerε no
4
Onyankopɔn ka me ho nti
Mede me kra ahyε ne nsam;
εdetumi de asie nti
Mede me kra ahyε ne nsam
Menim da a ɔbεfrε me nti
Mede me kra ahyε ne nsam
εdetumi ahwε so nti
Mede ahyε ne nsam
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 77 (Onyankopɔn Ka Me Ho Nti) or copy the full lyrics.