Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 202 of 316🏷️ Gyidie ne Ahotoso(Faith & Assurance)
Yesu Kristo Ayε Nkwagye
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Yesu Kristo ayε nkwagye,
Ɔde nnomumfo nyinaa aba fie;
Ɔno ne nokware kwan ne nkwan,
Nea nnebɔneyεfo fa so a wɔnnyera
Israεl anidaso yi
Ne oguammaa a wokum no,
Nea ɔhyerεn wɔ Kalvary
2
Yesu Kristo ayε nkwagye,
Ɔno na wabue nkwagye nsubura so;
Wɔn a osukɔm de wɔn no
Abεnom bi anya abotɔyam;
Wɔn a wɔabrε no nyinaa mmra
Mmεhwε Onyankopɔn aguammaa
Nea ɔhyerεn wɔ Kalvary
3
Yesu Kristo ayε nkwagye,
Ama wɔn a wodi n’akyi nyinaa;
N’amanehunu be berε mu
Na gyedifo anya home ama wɔn kra;
Wama wɔn a wɔte sum mu
Ahu anɔpa Nsoromma no,
Nea ɔhyerεn wɔ Kalvary
4
Yesu Kristo ayε nkwagye,
Wɔnam ne so apopa wiase sum;
Ɔno na wabue nkwagye kwan,
Nea anka sum kabii wɔ so daa no,
Wama wɔn a wɔayera no,
Wɔn Agyenkwa Kristo,
Nea ɔhyerεn wɔ Kalvary
5
Yesu Kristo ayε nkwagye,
Wama nnebɔneyεfo aba ne nkyεn
Abehu sε wɔapira no
Ama nnebɔneyεfo nyinaa bɔne;
Wɔn a nsukum de wɔn no mmra,
Mmεnom nkwa nsu mfi botan mu,
Nea ɔhyerεn wɔ Kalvary
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 202 (Yesu Kristo Ayε Nkwagye) or copy the full lyrics.