Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 203 of 316🏷️ Gyidie ne Ahotoso(Faith & Assurance)
Yesu Kristo Baa Wiase
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Yesu Kristo baa wiase,
Sε nnebɔneyεfo ’anidaso;
Ɔde ogye brεε adasa,
Ɔde nokware kwankyerε no
Brεε nnomumfo nso nyinara,
Ɔno ara ne Yesu Kristo
2
Yesu Kristo baa wiase,
Bεhyerεn wiase sum yi mu,
Ma wɔn a wɔda owu nna;
De anigye ahyε wɔn kra ma,
Oguanhwεfo a ɔte wɔn nne,
Ɔno ara ne Yesu Kristo
3
Yesu Kristo baa wiase,
Bεkaa adom nkwagye nsεmpa;
Ɔmaa anifirafo huu ade,
Ɔmaa akwatafo ho fii,
Adom ne mmɔborɔhunu ahyε no ma,
Ɔno ara ne Yesu Kristo
4
Yare mu, hwε Yesu Kristo
Otumi yε ade nyinaa,
Twεn n’anim, daa, hwε ne nkutoo;
Na wobenya ahoɔden foforo,
Ayaresa wɔ ne din mu,
Ɔno ara ne Yesu Kristo
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 203 (Yesu Kristo Baa Wiase) or copy the full lyrics.