Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 201 of 316🏷️ Wusɔre ne Easter(Resurrection & Easter)
Yesu Kristo Adi Nkonim
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Yesu Kristo adi nkonim,
Wɔ Kalvary bepɔw no so;
Ne wu ne mu nkunimdi no
Ama yεahu ne dɔ mmoroso;
Yεadi bem ne mogya mu yi
Momma yεnna no ase daa
2
Yesu Kristo adi nkonim,
Wɔ Kalvary bepɔw no so;
Ne wusɔre mu nti
Yεanya wusɔre mu anidaso;
Yεnam kwan trenee no so nti
Momma yεnna no ase daa
3
Yesu Kristo adi nkonim,
Wɔ Kalvary bepɔw no so;
N’asεndua duruduru no so anti,
Nnebɔneyεfo ade wɔn ho;
W’abu yεn ne mogya nti,
Momma yεnna no ase daa
4
Yesu Kristo adi nkonim,
Wɔ Kalvary bepɔw no so;
Ne mmaa ataapee gye no nti
Wayε gyedifo dimafo,
Ne mogya kasa ma yεn nti,
Momma yεnna no ase daa
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 201 (Yesu Kristo Adi Nkonim) or copy the full lyrics.