Hymn 200 of 316

Yεde Anuonyam Bεma Kristo

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Yεde anuonyam bεma Kristo Oguamma a wokum no no Yεn mmarato so asotwe no, Ne yεn bɔne ho afɔre nti, Yεde Anuonyam bεma Kristo
2
Yεde anuonyam bεma Kristo Nea ɔyε dimafo no; Ɔkasa ma koma tɔ yam, Ne mmɔborɔhunu ne n’adɔe nti, Yεde anuonyam bεma Kristo
3
Yεde anuonyam bεma Kristo, Yεn gyefo ne yεn boafo no, N’asεm ne yεn agyapade, Ne mogya a εsom bo no nti, Yεde anuonyam bεma Kristo
4
Yεde anuonyam bεma Kristo Nea ɔne yεn wɔ hɔ daa no; Onim yare, ɔte yaw nso, Nanso owui wɔ yεn bɔne nti, Yεde anuonyam bεma Kristo
5
Yεde anuonyam bεma Kristo Nea ɔsoa wiase bɔne no; Ne brε ne amanehunu, N’asεndua soa ne ne wu nti, Yεde anuonyam bεma Kristo
6
Yεde anuonyam bεma Kristo Yεn kwankyerεfo ne hwεfo pa; N’asεm mu tumi hwε yεn so, Ɔkofo pa ne nkonimdifo, Yεde anuonyam bεma Kristo

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 200 (Yεde Anuonyam Bεma Kristo) or copy the full lyrics.