Hymn 199 of 316

Yehowa Ama Ne Nsεm Nyinaa Atim

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Yehowa ama ne nsεm nyinaa atim W’abɔ nkwagye kwan ama gyedifo nnε W’ama anifirafo nyinaa ahu Hann fεfε bi a εhyerεn wɔ Kristo mu
2
Yehowa ama ne nsεm nyinaa atim Wamma nnebɔneyεfo antenna sum mu daaa Wabɔ nkwagye kwan no ato wɔn anim Ɔde ne fi nnepa nso amee wεn kra
3
Yehowa ama ne nsεm nyinaa atim W’ama Yεrusalem ani agye nnε; W’ama Israel koma atɔ ne yam, Enti wɔkae no wɔ ne kronkronbea
4
Yehowa ama ne nsεm nyinaa atim Ɔde adom bi abεdom nnipa daa; Wama Kristo nkwagyesεm no abεn yεn; Ɔde asakra yεn bɔne nipadua
5
Yehowa ama ne nsεm nyinaa atim Wama ne tumi basa so refrε sε Wɔn a wɔba ne nkyεn nyinaa nya nkwagye, Da bi ɔne wɔn bεtena na wɔahome

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 199 (Yehowa Ama Ne Nsεm Nyinaa Atim) or copy the full lyrics.