Hymn 193 of 316

Nhyira Nka Me Kra Gyefo No

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Nhyira nka me kra gyefo no, Wɔ ne mmobrɔhunu nti, Bere a meyε ɔyeraba no Na ɔde ne wu gyee me nkwa
2
Nhyira nka me kra gyefo no, Wɔ n’afɔrebɔ no nti, Bere a meyε ɔyeraba no, Na ɔde anigye frεε me
3
Nhyira nka me kra gyefo no, Wɔ n’amanehunu nti, Nokware gyefo no de ne kra, Bɔ nkwagye kwan no too me hɔ
4
Nhyira nka me kra gyefo no, Soro akyεde pa no, Gyedifo kra aduan pa yi Na wɔde ma wiase nkwagye
5
Nhyira nka me kra gyefo no, Nea ne nko gye nkwa no Amanehunu mu boafo yi W’ama yεanya abotɔyam
6
Nhyira nka me kra gyefo no, Nhyira nka ne din daa, Nhyira nka no sε w’agye me, Mεto dwom ayi no ayε daa

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 193 (Nhyira Nka Me Kra Gyefo No) or copy the full lyrics.