Hymn 194 of 316

Nhyira Nkaa Nea Obue Adom Pon

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Nhyira nkaa nea obue adom pon Mmaa nnebɔneyεfo nyinaa; Nhyira nka yεn gyefo no, Na w’ama nkwagye aba
2
Nyhira nka nkwa Nyame aguammaa Gyedifo gyefo pa no, Nhyira nka nea ɔde nsεmpa Ama yεahu kwan pa no
3
Nhyira nka nkwa Yesu Kristo Din kronkron a εgye nkwa, Nhyira nka Yesu Kristo Ne nkutoo ne Agyenkwa
4
Nhyira nka nkwa Yesu Kristo W’abɔ weredɔm afɔre; Nhyira nka Yesu Kristo W’apopa yεn mmarato no,
5
Kristo asafo nyinaa Mmɔ ayεyi afɔre Mma nea ohwie ne mogya De popaa wiase bɔne
6
Nhyira nka nkwa Kristofo hene, Yεn ani da so kwan daa, εsoro hene no ne yεn hene, N’ahenni no tim hɔ daa
7
Momma yεmmom nto nnwom kronkron Mma nea ɔte ase no daa; Momma yεmfa daa nnwonto Nkamfo ne nkwagye basa
8
Momma yεne soro asafo Nkamfo Yesu Kristo daa, εde ne mogya kronkron Agye wεn a wɔayera
9
Momma yεnto ayεyi nnwom Nkamfo Yehowa din daa, εnam Yesu Kristo so De ne tumi agye yεn nkwa
10
Yehowa yεda wo ase Wone gyedifo Nyame Gyedifo bεbɔ wo din Na yεanya wo nsam nhyira

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 194 (Nhyira Nkaa Nea Obue Adom Pon) or copy the full lyrics.