Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 192 of 316🏷️ Ayeyi ne Ntrontrom(Praise & Adoration)
Nyame Aguammaa, Yεyi Wo ’ayε
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Nyame aguammaa, yεyi wo ’ayε
Asase nyinaa ahu wo nkwagye,
Soro ne asase tumi yε wo de
Anuonyam nka wo, Nyame aguammaa
2
Wofi soro bae sε kanea,
Wobae ma sum nnwuma daa adi,
Woyε nokware hann ma waise,
Anuonyam nka wo, Nyame aguammaa
3
Anuonyam nka wo, yεn gyefo,
W’ako ɔkopa agye yεn koraa,
Gyedifo asafo nto wom yi sε,
Anuonyam nka wo, Nyame aguammaa
4
Wo din no boro din nyinaa so,
Nkotodwe nyinaa bεkotow wo,
Soro ne asase hene pa Kristo,
Anuonyam nka wo, Nyame aguammaa
5
Mepε sε mehu w’anuonyam,
Sε me ne wo bεtena soro fie hɔ,
Na me ne soro dɔm ato dwom sε
Anuonyam nka wo, Nyame aguammaa
6
Woyε anɔpa ansoromma,
Woyε hann wɔ soro kurow no mu,
Kerubim se Serafim to ma wo
Kronkron kronkron ne wo, Awurade
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 192 (Nyame Aguammaa, Yεyi Wo ’ayε) or copy the full lyrics.