Hymn 184 of 316

M’ahu Yesu Agyenkwa No

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
M’ahu Yesu Agyenkwa no Mene no bεnantew, Ɛwɔ nkwa a enni ewiei Enti medi n’akyi
2
Yesu Kristo frεε yεn frε pa Enti metena ne nkyεn Ɛde nkwa nsu bεma me kra, Enti mεtena ne nkyεn Yesu Kristo dɔ yε dɔ pa Enti mεdɔ no bi, Ɛdɔ nti na owui maa me Enti mεkae no daa
3
Mεkae Yesu amanehunu Nea ɔde gye me nkwa, Mεkae ne nteεm wɔ dua no so Na me werε emfi no
4
Mεhwε Kalvary bεpɔw no so Na mehu ne dɔ no Mεhwε ne mfem apirakuro no Na m’adɔ no saa daa

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 184 (M’ahu Yesu Agyenkwa No) or copy the full lyrics.