Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 185 of 316🏷️ Gyidie ne Ahotoso(Faith & Assurance)
Yesu Kristo Yε ’dɔfo
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Yesu Kristo yε ’dɔfo
Nnebɔneyεfo dɔfo pa
W’agye yεn afi owu mu
Momma yenna no ase daa
2
Yesu Kristo yε ’dɔfo
Nnebɔneyεfo gyefo pa
Ɔdɔɔ yεn kosi ’wumu mpo
Momma yεnna no ase daa.
3
Yesu Kristo yε ’dɔfo
Obewui maa yεn nyinaa
De gyee yεn fi bɔne mu
Momma yenna no ase daa.
4
Yesu Kisto yε ’dɔfo
Kalvary dua no so Agyenkwa
Wopiraa no wɔ dua n’so
Momma yenna no ase daa.
5
Yesu Kristo yε ’dɔfo
Ɔdɔfo bi nte sε ɔno
Nea ɔbεsoaa yεn bɔne
Momma yenna no ase daa.
6
Yesu Kristo yε ’dɔfo
N’asεndua duruduru soa mpo
Ɔdɔ nnebɔneyεfo nyinaa
Momma yεnna no ase daa.
7
Yesu Kristo yε ’dɔfo
Ne dɔ n’asekyerε yε na
Ne nkutoo ne yεn dɔfo
Momma yεnna no ase daa
8
Yesu baa wiase ha
Behwehwεε wɔn a wɔayera
Nam adom so gyee wɔn nkwa
Momma yεnna no ase daa
9
Onyankopɔn nam Kristo
So refrε ne de nyinaa
Aba n’ahenni no mu
Momma yenna no ase daa
10
Yesu din no yε me dε
Emu tumi nsakra da
W’abubu owu mpokyerε
Momma yεnna no ase daa
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 185 (Yesu Kristo Yε ’dɔfo) or copy the full lyrics.