Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 183 of 316🏷️ Komunio ne Mogya(Communion & The Blood)
Kristo Mogya Mu Tumi No
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Kristo mogya mu tumi no
Ama m’abεn Onyankopɔn;
εne Nyankopɔn guanmmaa a
W’abeyi wiase bɔne akɔ;
Ne mogya ahoro me bɔne
Enti me nam kwan teneneeso
2
Onyankopɔn dom mmroso nti
Gyedifo nyinaa te ne nne;
Ɛde ne nsεm kyekye wɔn werε,
Ɛka wɔn koma tɔ wɔn yam,
Ɛma wohu ne dɔ kεse,
Wɔ ne nkwagye nsεmpa no me
3
Kristo ne akyεde pa a
Wɔde fo soro bεdom yεn;
Bere a yεda bɔne mu no
Wɔde no bɔɔ yεn afɔre;
Akyεde bi nni hɔ sε ɔno,
Mεbɔ ne din no akyerε
4
Meremma me werε mmfi sε
Kristo bɔɔ weredɔm afɔre,
Efisε ne din mu nkutoo
Na nnebɔneyεfo nya nkwagye;
Mεbɔ ne din no akyerε,
Na madi ne ho adanse
5
Yehowa nkwagye basa ne
Yesu Kristo, Agyenkwa no;
N’adom no nti wasɔ yεn bio
Nam bɔhyε Honhom Kronkron so;
Nneεma nyinaa ayε foforo
Enti ɔnkae yεn bɔne bio
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 183 (Kristo Mogya Mu Tumi No) or copy the full lyrics.