Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 182 of 316🏷️ Komunio ne Mogya(Communion & The Blood)
Din Bi Wͻ Hͻ A Ɛyε Dε
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
Chorus (Nnyesoɔ)
Mεto n’ayεyi dwom no daa
Wͻ n’adom nkwagye no nti
Yesu Kristo ne me gyefo
Ayeyi nka ne din daa
1
Din bi wͻ hͻ a εyε dε
εyε Yesu Kristo din
εma ͻyeraba ba fie
Bεhome fi ne berε mu
2
Kristo ne me kra Agyenkwa
N’adom nti manya nkwagye
M’ahu ne nkwagye basa no
Nea tetefo hwehwεε no
3
Ne mogya no yε nkwa nsubura
Nea εpem fi botan mu
Etumi horo bͻne nyinaa
Ma ͻkra nya anigye
4
Kristo frε no yε frε Kronkron
εma anigye bu so
N’asεm no ne nkwagye kwan no
εkyerε ͻyeraba kwan
5
Yesu Kristo yε m’adamfo
Ɔmfa biribi nhintaw me
Ɔkyerε me nea ͻpε nyinaa
Wͻ ne Kyerεw Kronkron no mu
6
Nokware Kristo din yε dε,
Ama m’anya ahotͻ;
M’awerεhow adan anigye,
Me kra di ahurisi daa.
7
Mεdͻ wo me kra dͻfo pa,
Wo nkutoo na mεdͻ wo;
Mεbata wo ho daa nyinaa,
Na mate wo dͻ no nka
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 182 (Din Bi Wͻ Hͻ A Ɛyε Dε) or copy the full lyrics.