Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 181 of 316🏷️ Komunio ne Mogya(Communion & The Blood)
Bere A Meyε Ɔyeraba No
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Bere a meyε ɔyeraba no
Na me hyia Yesu Kristo;
Ɛkaa me abotɔ yam nsεm,
De kyerε me kwan tenenee no
2
M’agyenkwa ne Yesu Kristo
Nea ɔdɔ nnebɔnɔyεfo;
Nnebɔneyεfo bɔne nhaw no
Enti na w’agye me nkwa
3
Bɔne de me yerae koraa,
Mefom kwan tenenee no so;
Yesu nne na metee da no,
Na m’ani baa me ho so
4
Anka meyε ɔyeraba,
Mesεee m’agyapade nyinaa
Masan aba m’agya fie nti,
Ɛremma nnepa mmɔ me
5
Ɛde Honhom mu aduan pa
A εyε ne nipadua,
Ne nkwa a εyε mogya no
To me pon wɔ ne fi daa
Owu na anka εsε me,
N’adom nti manya nkwagye;
Me werε remfi n’afɔrebɔ,
Wɔ bepɔw kronkron no so
6
Dεn na menyε mma wo Kristo?
Na dεn na metumi ayε?
Nnwom kronkron na mεto daa
Akamfo wo nnwuma pa
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 181 (Bere A Meyε Ɔyeraba No) or copy the full lyrics.