Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 180 of 316🏷️ Asɛmpa ne Nkwagye Frɛ(Gospel & Salvation)
M’po Ɔbonsam Ne Nnwuma
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
M’po ɔbonsam ne nnwuma
M’afa Kristo sε m’agyenkwa,
M’Awurade ne m’ade nyinaa
Ne nkyεn na mεtena daa
2
Wiase me nipa dedaw no,
M’agye Yesu Kristo frε so,
Kristo bεsakra m’abrabɔ
Nea mewui wɔ mu no
3
Me gyedi sε wɔawo me foforo,
Ato soro abusu no mu;
Hwε, nneεma nyinaa ayε me foforo
Mεtena ase wɔ Kristo mu
4
M’asubɔ yi ama m’awu,
Ama Adam mu bɔne no;
Mεtena ase wɔ Kristo mu
Na m’ahu ne dɔ no
5
Anigye aba me kra mu,
Ayεyi nnwom na mεto
Ama nea w’agye me nkwa no,
Na m’atena n’asεm mu
6
Nnaεma nka m’ani gye ho no
Ne nyinaa afi, m’ani so;
Ɛnyε me mfaso wɔ ha bio
W’awu ama ne nyinaa
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 180 (M’po Ɔbonsam Ne Nnwuma) or copy the full lyrics.