Hymn 57 of 316

Awurade Nyankopɔn Tumfo

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Awurade Nyankopɔn Tumfo Wo na yεyi wo ayε daa Wo din kronkron no ama so Wo na yεyi wo ayε daa Anuonyam,anuonyam nka wo ɔdomankoma Nyankopɔn Wo a te sorosoro Wo na yεyi wo ayε daa
2
Awurade Nyankopɔn Tumfo Wo na yεyi wo ayε daa Wo nkutoo na tumi wɔ wo Wo na yεyi wo ayε daa Anuonyam,anuonyam nka wo Wo a w’ahenni wɔ hɔ daa Wo tumi boro tumi nyinaa so Wo na yεyi wo ayε daa
3
Awurade Nyankopɔn Tumfo Wo na yεyi wo ayε daa ɔsoro Nyankopɔn ’gyefo Wo na yεyi wo ayε daa Anuonyam,anuonyam nka wo Wo a wodi tumi daa Otweaduampɔn Nyamekopɔn koro Wo na yεyi wo ayε daa
4
Awurade Nyankopɔn Tumfo Wo na yεyi wo ayε daa Israel Nyankopɔn koro Wo na yεyi wo ayε daa Anuonyam,anuonyam nka wo Yεn nkwagye botan ne wo Gyedifo Nyankopɔn Agya Wo na yεyi wo ayε daa
5
Awurade Nyankopɔn Tumfo Wo na yεyi wo ayε daa Dɔm Nyankopɔn koro Wo na yεyi wo ayε daa Wo nkutoo ne anidaso Wo na yεyi wo ayε daa Awurade Nyankopɔn hwεfo Wo na yεyi wo ayε daa

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 57 (Awurade Nyankopɔn Tumfo) or copy the full lyrics.