Hymn 56 of 316

Tweadeampɔn Nyame, Yεsɔre Wo

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Tweadeampɔn Nyame, yεsɔre wo Yεde ayεyi afɔre brε wo Wɔ w’asɔrefi kronkron mu Na wo nkoa hyira wo din W’adom wɔ hɔ ma yεn da anti Onyankopɔn,yεsɔre wo
2
Sε yεhwε wo Nyame su a Anɔpa yi yεsɔre wo Nhyira ne nidi ne tumi Yε Onyankopɔn dea daa Wo nsam nhyira ’yenya da anti Onyankopɔn,yεsɔre wo
3
Yentumi nka ayamye a Woyε ma nipa nyinaa Wobue wo nsam ma nnipa nyinaa Nya nea wohia di mee daa Nnepa a εmmɔ yen nti Onyankopɔn,yεsɔre wo
4
Nhyira nka Agya Nyankopɔn ɔde ne homhom kronkron Mogya adansefo sɔre Nea ɔwɔ hɔ nnε ne daa Wo tumi a εkora yεn nti Onyankopɔn,yεsɔre wo
5
Sε atεmmu da no du a Wo nkoa nyinaa bεsɔre wo Efisε wo de yεn bεtena Wo nsa nifa afebɔɔ Tenabea a woasiesie ama yεn nti Onyankopɔn,yεsɔre wo

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 56 (Tweadeampɔn Nyame, Yεsɔre Wo) or copy the full lyrics.